89.The Dawn

  1. Mede Ahomakye
  2. Ne Anadwo du no
  3. Ne (abͻdeε a egu) mmienu-mmienu ne Nea Ɔda mu Fua no
  4. Ne εberε a anadwo befri hͻ akͻ, di nse
  5. Enti nsedie wͻ woi mu dema mmadwemmafoͻ
  6. Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn de yεε Aadfoͻ
  7. (Kuro) Iramfoͻ no, adan atenten wura foͻ no a
  8. Yε’mmͻͻ wͻn sεso (anaasε yenni wͻn adan no sεso) wͻ asaase soͻ
  9. Ɛne Samuudfoͻ no a, na wͻ’dwa abotan mu wͻ bonhwa no mu hͻ (deyε wͻn atenaeε no)
  10. Ɛne Farao, Asraafoͻ dͻm Wura, anaasε εpa Wura (a, na ͻbͻ nneduafoͻ wͻ εpa mu no)
  11. Wᴐn a wᴐ’dii nsεmͻnee wͻ asaase no so
  12. Enti maa bͻne dͻͻso pii wͻ soᴐ no
  13. Wo Wura Nyankopͻn hwiee asotwe abaa-twa guu wͻn so
  14. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn tεhͻ rewεn
  15. Onipa deε sε ne Wura Nyankopͻn sͻ no hwε, hyε no animuonyam, na Ɔyε no adom bi a, ͻka (detu neho) sε: “Me Wura Nyankopͻn ahyε me animuonyam
  16. Na mmom sε Ɔsͻ no hwε na Ɔma neho kyere no wͻ akͻnhoma ho (anaasε Ɔma no hia no) a, ͻka sε: “Me Wura Nyankopͻn agu m’anim ase “
  17. Daabi (ԑnte saa), nanso monnfa obuo mma agyanka (anaa awisiaa)
  18. Afei monnhyε sε wͻ’didi a, wͻ’ma ahiafoͻ bi die
  19. Afei modi awugyadeε adefodepε so
  20. Na modͻ sika ma no bro so
  21. Daabi, sε asaase bubu na εyε gͻsͻgͻsͻ
  22. Na wo Wura Nyankopͻn ba a Soro abͻfoͻ no ato santen
  23. Na saa Da no yεde Amanehunu gya no ba a, saa Da no onipa bεfa adwen anaasε obetu neho fo, na deεn mfasoͻ na adwen anaa afutuo no bεyε ama no
  24. Ͻbεka sε: “Mehunuui a anka medii (dwuma pa) detoo m’anim maa me Daakye nkwa nna yi
  25. Saa Da no asotwee a (Nyankopͻn debεtwe abͻneεfoͻ no aso no) obiara ntumi ntwe bi saa
  26. Na sεdeε Obesi akyekyere (abͻneεfoͻ no wͻ nkͻnsͻnkͻnsͻn mu no), obiara ntumi nkyekyeree bi saa da
  27. (Yεbεka akyerε apapafoͻ no sε): “Ɔkra a w’akoma atͻ wo yamu
  28. San bra wo Wura Nyankopͻn hͻ, W’agye wo atom wonso w’agye no atom
  29. Enti bεka Menkoa no ho
  30. Na wura Me Soro aheman no mu’’