88.The Overwhelming

  1. Asεm kεseε a (nehuu) boro (nipa) soͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ
  2. Saa Da no, ebinom ani bewu
  3. Adwumaden, ͻberεhunu
  4. Wͻ’bεkͻ Ogya tanaa a, ano yε den paa mu
  5. Yεbεma wͻn anom nsuo wͻ Nsuohyeε abura mu
  6. Wͻ’nnya aduane nni, na mmom gyesε (nkasεε dua nyononyono bi a yεfrε no) ‘Doariin’ (na wͻ’bεweε)
  7. Ɛnnyε wͻn honam yie, na εmmee wͻn nso
  8. Saa Da no ebinom nso anim bεyε frͻmfrͻm fεfεεfε
  9. Wͻn ani bεgye wͻn mmͻdemmͻ ho
  10. Wͻ Animuonyam Aheman no mu
  11. Wͻ’nnte nsεm hunu biara wͻ hͻ
  12. Asutire a εretene bi wͻ mu
  13. Animuonyam ahennwa bi a yama soͻ nso wͻ mu
  14. Ne nhwehwε nkuruwaa a, esisi hͻ
  15. Ne mpikyi (anaasε atԑ anaa Kushin) a, yato no santen
  16. Ɛne kapεt papa a, εsesε hͻ
  17. Enti wͻ’nhunuu sεdeε yasi abͻ Yoma
  18. Ɛne ͻsoro sεdeε yasi apagya no
  19. Ɛne mmepͻ, sεdeε yasi de atintim hͻ pintinn
  20. Ɛne asaase sεdeε yasi aterε mu
  21. Enti tu (wͻn) fo, efirisε woyε obi a wotu (amanfoͻ) foͻ
  22. Wonyε obi a wohyε wͻn so
  23. Na mmom obi a, ͻbεdane n’akyi ama na w’apo (nokorε) no
  24. Nyankopͻn de asotwee kεseε no bεtwe n’aso
  25. Nokorε sε Yεn hͻ na wͻ’bεsan aba
  26. Nokorε bio nso sε wͻn akontabuo da Yεn so