37.Those drawn up in Ranks

  1. Mede (Soro abͻfoͻ) a w’ato santen (resom Nyame)
  2. Ne wͻn a wͻ’de anibereε bͻ kͻkͻ. (Anaasε) Soro abͻfoͻ a wͻ’ka mununkum so wͻ kwan pa soͻ
  3. Ne wͻn a wͻ’kenkan Afutusεm no, di nse sε
  4. Nokorε, mo Wura Nyankopͻn, Ɔyε baako
  5. Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfimfii Wura, ne apueε ahodoᴐ no Wura
  6. Nokorε sε Yε’de nsoromma fε asiesie ͻsoro a εwͻ wiase no
  7. Na εwεn ͻbonsam soͻdeni biara
  8. Wͻ’nte (ͻsoro abͻfoͻ) badwa a εkorͻn no mu nsεm, efrisε, yεto (nsoromma) fri bea biara de bͻ wͻn
  9. depam wͻn, na wͻn wͻ daa asotwee
  10. Mmom nea ͻbewiawia ne ho ahwim biribi no, egya a εhyerεn bedi n’akyi
  11. Enti bisa wͻn sε, wͻn mmͻeε na εyε den anaasε (abͻdeε nkaeε) a Y’abͻ noa? Yε’bͻͻ wͻn firi nεteε a ɛsɔ twann mu
  12. Nokorε sε (Nkͻmhyεni), εyε wo nwanwa (sε saa nkorͻfoͻ no ani tua Nyankopͻn tumi nanso wͻ’nnye nnie) na wͻ’redi (wo ne Qur’aan ho) fεw
  13. Sε yetu wͻn fo a wͻ’ntere fo, (anaa wͻ’nnfa afutuo no nnyε adwuma)
  14. Sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee bi (fri Nyankopͻn hͻ a) wͻ’de di fεw
  15. Deε wͻ’ka ara nesε: “Woi deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee
  16. Ɛdeεn! Sε yewu na yε’yε mfuturo ne nnompe a yεbεsan anyane (bio)
  17. Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no nso?”
  18. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aane! Na yεbεbrε moase agu moanim ase
  19. Ɛbεyε nteamu fua pε, na wobehunu sε wͻ’rehwε (Wusͻreε da no)’’
  20. Wͻ’bεka sε: “Adi ayε yεn! Akatua da no nie
  21. Woi ne Asenida no a mofaa no nkontomposεm no
  22. (Yε’bεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): “Momoaboa wͻn a wͻ’yεε bͻne no ne wͻn ahokafoɔ (a wɔwɔ abonsamfoɔ no mu) ne deε wͻ’someε
  23. – Wͻ Nyankopͻn akyi no ano, na monkyerε wͻn kwan nkͻ Amanehunu gya no ho
  24. Moma wͻn nyina hͻ, nokorε sε wͻn wͻ nsεmmisa
  25. Ɛdeεn na εha mo a (afei deε) mommoa moho moho (sεdeε na moyε no wͻ wiaseε no)
  26. Daabi, saa Da no wͻ’bεberε wͻn ho ase
  27. Wͻ’bεdane wͻn ho ahwε wͻn ho wͻn ho anim abisa-bisa
  28. Wͻ’bεka sε: ”Mo na na mofiri nifaso (anaasε na mone mpanimfoͻ a) moba yεn hͻ (betu yεn fo bͻne)
  29. (Wͻn mu mpanimfoͻ no nso) bebua wͻn sε: “Daabi, moara nso na monyε agyidiefoͻ
  30. Na yenni tumi biara wͻ mo so, Daabi, na moara nso moyε nnipa atuateεfoͻ
  31. Enti ye’Wura Nyankopͻn asεm no ayε nokorε atia yεn; nokorε sε yεbεka (asotwee no) ahwε
  32. Nea enti yεyeraa mo ne sε, na yεn ara nso yayera
  33. Nokorε sε saa Da no, wͻ’bεkyε asotwee no, (anaasε obiara benya nekyεfa sɛdeɛ nedwuma bɔne a odiiɛ teɛ)
  34. Nokorε sε saa na Yε’de bεyε abͻneεfoͻ no
  35. Nokorε sε, na yεka kyerε wͻn sε Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho a, na wͻ’reyε ahomasoͻ
  36. Deɛ wͻ’ka ne sε: “Yenyae y’abosom medi odwontofoͻ bͻdamfoͻ yi akyi? “
  37. Daabi, (Muhammad) de Nokorε no aba a ͻde bεhyε asomafoͻ no (nsεm) no mma
  38. Nokorε sε mobεka asotwee yaaya no ahwε
  39. Dwuma a modiiε ho na yεretua mo so ka
  40. Mmom Nyankopͻn nkoa nokorεfoͻ no deε
  41. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’benya akͻnhoma a yahyehyε ato hͻ no—
  42. (Ebi ne) Nnuaba; na yεbεhyε wͻn animuonyam –
  43. Wͻ anigyeε Aheman no mu
  44. Wͻ’bεtena Ahennwa a (ebi) hwε (ebi) anim so
  45. Nsa kuruwa a efri nsuo aniwa mu bedi wͻn so akͻneaba
  46. (Ɛyε) fitaa, dεdεεdε ma wͻn a wͻnom
  47. Ɛmma wͻn ͻhaw (tesε tipaeε anaa yafun keka anaa adwen sεeε biara) na wͻ’mmoro nso
  48. Ɛmmaa nso a wͻ’bͻ wͻn nhwε anaa wͻn ani ho ban, a wͻn ani akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho
  49. Ɛbεka sε (saa mmaa no yε) kosua a yahwε so yie paa
  50. Wᴐn mu bi bεdane wͻn ho ahwε ebinom abisa
  51. Wͻn mu nea ͻbεkasa no bεka sε: “Nokorε sε na mewͻ adamfoͻ bi
  52. Na ͻka sε: “Enti nokorε sε woka wͻn a wͻ’gye (Wusͻreε no) die no ho
  53. Sε yewu na yεyε mfuturu ne nnompe a yεbetua yεn (dwumadi papa ne yεn dwumadi bͻne no so) ka?”
  54. (Obi) bεka sε: ”Monnhwε (aseε hͻ)?”
  55. Na ͻhwεε (aseε hͻ) no, ohunuu no wͻ Amane-hunu gya no mfimfii
  56. Ɔbεka sε: ”Medͻ Nyame sε, εkaa kakraabi sε anka wode me kͻͻ ͻsεeε mu
  57. Sε εnyε me Wura Nyankopͻn adom nti a, anka meka wͻn a yεde wͻn baa (Amane-hunu gya no) mu no ho
  58. (Soro aheman no mu foͻ no bεka sε): “Enti yennwu (bio)
  59. Gyesε yewuo a edikan no ara? Na yεnntwe ya’so nso
  60. Nokorε sε, woi ne nkonimdie kεseε paa no
  61. Woi sεso nti, wͻn a wͻ’redi dwuma (pa) no nni dwuma (pa) mfa ma
  62. (Soro aheman no mu) anigyesεm no na εyε, anaasε Zaquum dua noa
  63. Nokorε sε, Y’ayε no suntidua ama abͻneεfoͻ no
  64. Nokorε sε (Zaquum) yε dua a efifi wͻ Amane-hunu gya no ase
  65. N’aba no pue tesε awͻwͻ ti
  66. Nokorε sε, (saa dua no) so na (abͻneεfoͻ no) bedidi de ahyε wͻn yafunu mma
  67. Na akyire yi nokorε sε, yεbεma wͻn nsuohyeε a adi afra (anom) agu so
  68. Na afei wͻn nnkyi a wͻ’bεsan akͻ ne gya frama no mu
  69. Nokorε sε wͻ’bεtoo wͻn agyanom sε wͻn ayera
  70. Na wͻn anamͻn so na wͻ’pε ntεm kͻ
  71. Ampa sε, tetefoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no beberee yerae
  72. Ampa nso sε Yε’somaa kͻkͻbͻfoͻ fri wͻn mu (baa wͻn hͻ bεbͻͻ wͻn kͻkͻ)
  73. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ (na wͻ’antie kͻkͻbͻ no ) awieε si wieε
  74. Na mmom Nyankopͻn nkoa a wͻ’di nokorε no deε, (wͻ’benya ͻgyeε)
  75. Ampa nso sε Noa su frεε Yεn; na nyeso pa paa na Yε’de gyee (no) soͻ
  76. Yε’gyee ͻno ne n’abusuafoͻ nkwa fri mmusuo kεseε no mu
  77. Yε’maa n’asefoͻ na εkaeε
  78. Ye’gyaa no maa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)
  79. Asomdwiε a efri amansan so nyinaa wͻ Noa so
  80. Nokorε sε, saa na yetua apapafoͻ no ka
  81. Nokorε sε na ͻka Yε’nkoa agyidifoͻ no ho
  82. Afei Yε’maa nsuo faa nkaeε no
  83. Nokorε sε nenkorͻfoͻ a (wͻ’dii n’anamͻn soͻ) no bi ne Abraham
  84. Ɛberε a ͻde akoma pa a emu teε baa ne Wura Nyankopͻn hͻ
  85. Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya ne nenkorͻfoͻ sε: “Ɛdeεn na moresom yi
  86. Nkontompo anyame na mofri Nyankopͻn akyi pε (wͻn)
  87. Moadwen ne sεn wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no ho? “
  88. Ɔhwεε nsoromma mu hwεe
  89. Ɔkaa sε: “Meyare”
  90. Enti wͻ’danee wͻn ho firii ne ho kͻe
  91. (Abraham) danee ne ho kͻͻ wͻn abosom no ho ka kyerεε (abosom no) sε: “Monni di
  92. Ɛdeεn na εha mo a enti monnkasa yi? “
  93. Ɔdane ne ho kͻͻ wͻn so de (ne) nsa nifa bobͻͻ wͻn
  94. (Nenkorͻfoͻ no) de ahoͻherε baa ne hͻ
  95. (Abraham) kaa sε: “Mosom adeε a (moara mode monsa) asene
  96. Aberε a Nyankopͻn na abͻ mo, ne adeε a moyͻ no “
  97. (Nenkorͻfoͻ no) kaa sε: “Monsi (fononoo) dan ma no na monhye no wͻ gya tanaa no mu
  98. Wͻ’hwehwε bͻͻ ne ho pͻ, nanso Yε’brεε wͻn ase
  99. Ɔkaa sε: “Medeε merekͻ me Wura Nyankopͻn hͻ na Ɔbεkyerε me kwan”
  100. “Me Wura, dom me na kyε me (ͻba) pa
  101. Enti Yε’de abͻfra a ͻwͻ ntoboaseε hyεε no bͻ
  102. Ɛberε a (abͻfra no) duruu (sε wanyin a) ͻbεka neho (aboa no) adwuma no, (Abraham) kaa sε: “Meba, m’ahunu wͻ me daeε mu sε meretwa wo mene (de wo abͻ afͻdeε ama Nyankopͻn) enti kyerε deε wa’dwen yε woͻ. (Abͻfra no) kaa sε: ”M’agya, yε sεdeε ya’hyε woͻ no, na sε Nyankopͻn pε a wo behunu sε meka aboterεfoͻ no ho “
  103. Enti εberε a wͻn mmienu brεε wͻn ho ase (maa Nyankopͻn ahyεdeε), na (Abraham) de no too hͻ wͻ (ne) momasoͻ no
  104. Yε’frεε no sε: “Abraham
  105. Nokorε sε w’adi yikyerε no so. Nokorε sε saa ara na Y’etua apapafoͻ no ka
  106. Nokorε sε woi yε nsͻhwε a εda adi pefee
  107. Na Yε’de afͻrebᴐ deε kεseε bi (odwan paa a otua dua) sii n’anan
  108. Na yegyaa no demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)
  109. Asomdwiε wͻ Abraham so
  110. Saa ara na Y’etua apapafoͻ no ka
  111. Nokorε sε (Abraham) ka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho
  112. Yε’de Is’haaq, nkͻmhyεni a ͻka apapafoͻ no ho no (awoͻ ho) bᴐhyԑ maa no
  113. Na Yehyiraa no ne Is’haaq. Wͻn asefoͻ no mu, na ebi yε apapafoͻ, na ebinom nso yεε bͻne sisii wͻn ho pefee
  114. Nokorε sε Yε’de Y’adom dom Mose ne Aaron
  115. Na Yε’gyee wͻn mmienu ne wͻn nkorͻfoͻ firi ͻhaw kεseε no mu
  116. Na Yε’boaa wͻn maa wͻ’bεyεε nkonimdifoͻ
  117. Na Y’εde Nwoma pefee no maa wͻn mmienu
  118. Na Yε’kyerεε wͻn mmienu kwan tenenee no
  119. Na Ye’gyaa wͻn demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ wͻn din pa)
  120. Asomdwiε wͻ Mose ne Aaron so
  121. Nokorε sε saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka
  122. Nokorε sε wͻn mmienu ka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho
  123. Nokorε sε, Elia nso ka Asomafoͻ no ho
  124. Ɛberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: ”Enti monnsuro Nyankopͻn
  125. “Mosu frε (ͻbosom) Baal, εna motwa Nea Ɔbͻͻ adeε (nyinaa) yie no gya
  126. Nyankopͻn a Ɔne mo Wura, ne moagyanom a wͻ’dii kan no Wura no? “
  127. Nanso wͻ’anye (Elia) anni, enti nokorε sε yε’de wͻn bεba (asotwee no mu)
  128. Gyesε Nyankopͻn nkoa no a yayi wͻn no
  129. Na Ye’gyaa no demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)
  130. Asomdwiε wͻ Elia so
  131. Nokorε sε saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka
  132. Nokorε sε ͻka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho
  133. Nokorε sε Lut nso ka Asomafoͻ no ho
  134. Ɛberε a Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa
  135. Gyesε (neyere) aberewa no; na ͻka wͻn a wͻ’kaa akyire no ho
  136. Afei Yε’sεee nkaeε no pasaa
  137. Nokorε sε motwam wͻ wͻn ho anͻpa
  138. Ne anadwo, Enti monfa adwen
  139. Nokorε sε Yona nso ka Asomafoͻ no ho
  140. Ɛberε a odwane kͻͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu no
  141. (Ɔpenee so ne wͻn) twee ntonto, na ͻkaa wͻn a wᴐ’dii nkuguo no ho
  142. Enti adwene (kεseε) no menee no, na na ͻfata soboͻ
  143. Nokorε sε, sε na ͻnka wͻn a wͻ’bͻ (Nyankopͻn) abodin no ho a
  144. Anka ͻbεtena (adwene no) yεm hͻ akosi Wusͻreε da
  145. Na Yεtoo no twenee wͻ mpoano petee bi mu a (saa berε no na) ͻyareε
  146. Yε’maa kͻntoa dua fifiri maa no
  147. Na Yε’somaa no kͻͻ (nnipa) mpem ha anaasε deε εboro saa hͻ
  148. Na wͻ’gye dii, enti Yε’bͻͻ wͻn akͻnhoma (anaa Yεmaa wͻ’gyee wͻn ani) kͻpem εberε bi
  149. Enti bisa wͻn sε: “Wo Wura Nyankopͻn wͻ mma mmaa, εna wͻn nso wͻn wͻ mma mmarima
  150. Anaasε Yε’bͻͻ soro abͻfoͻ no mmaa abrε a wͻ’hunuiε?”
  151. Ɛnyε wͻn ara wͻn nkontomposεm mu na wͻ’ka sε
  152. “Nyankopͻn awo ba? Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ”
  153. Enti (Nyankopͻn) pε mma mmaa asεm kyεn mma mmarima
  154. Ɛdeεn na εha mo a mobu atεn saa
  155. Adεn monnwen
  156. Anaasε mowͻ nyinasoͻ pefee bi
  157. Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo Nwoma no mmra
  158. Wͻ’de abusuabͻ ato (Nyankopͻn) ne Jinn ntεm. Ampa sε Jinnfoͻ no nim yie sε wͻ’bεba (atemmuo mu wͻ Nyankopͻn anim)
  159. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, (Neho te) sε wͻ’de biribi susu no no
  160. Gyesε Nyankopͻn nkoa a wᴐ’di nokorԑ no
  161. Enti nokorε sε, (abosomsomfoͻ), mone deε mosom no (nyinaa)
  162. Montumi nyε suntidua (anaa montumi nyera obiara mma) entia Nyankopͻn
  163. Gyesε obi a (yahyehyε sε) ͻbεhye wͻ gya frama no mu
  164. Yԑn (soro abͻfoͻ), yԑn mu biara wᴐ bea bi a yahyehyԑ ama no
  165. Nokorε sε yε’to santen (frε Nyame)
  166. Nokorε nso sε yεn na yε’bͻ (Nyankopͻn) abodin paa
  167. Na (abosomsomfoͻ no) ka sε
  168. “Sε yenyaa Afutusεm tesε tetefoͻ no a
  169. Anka yε’bεyε Nyankopͻn asomfoᴐ nokorεfoͻ no mu bi “
  170. Nanso (afei a Qur’aan aba wͻn hͻ no nso) wͻ’nnye nni, enti sεdeε εteε biara no wͻ’behunu
  171. Nokorε sε Y’asεm adikan akͻ Yε’nkoa Asomafoͻ no hͻ
  172. Sε, nokorε wͻbenya mmoa
  173. Nokorε nso sε Y’asraafoͻ no na wͻ’bedi nkonim
  174. Enti (Nkͻmhyεni), twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi
  175. Na wodeε hwε wͻn, na wͻ’behunu (asotwee no)
  176. Enti Y’asotwee na wͻ’repε no ntεm no
  177. Sε esiane ba wͻn fie adihͻ a, εbεyε anͻpa bͻne ama wͻn a yabͻ wͻn kͻkͻ no
  178. Enti wodeε twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi
  179. Na wodeԑ hwε, na εnkyε koraa wͻ’behunu (asotwee no)
  180. Kronkron Hene ne wo Wura Nyankopͻn, Tumi ne Animuonyam Wura ne no (Neho te sen) sεdeε wͻ’susu no no
  181. Asomdweε wͻ asomafoͻ no so
  182. Aseda no wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura no