32.The Prostration

  1. Alif – Laam – Miim
  2. Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ
  3. Anaasε wͻ’ka sε, w’abͻ netrim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻ’benya kwan kyerε
  4. Nyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen
  5. Ɔyε ntotoeε no fri soro deba asaase so; afei na εde dakoro a nensusueε bεyε mfie apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Nehͻ
  6. Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no
  7. (Otumfoᴐ) no a Ɔbͻͻ biribiara yie; na Ɔde nεteε na εhyεε onipa mmͻeε aseε
  8. Afei n’asefoͻ no nso Oyii wͻn fri nsuo a yebu no animtia mu
  9. Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mode) te asεm, ne (ani a mode) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mode da (no) aseε
  10. Deԑ wͻ’ka nesε: “(Enti sε yewu) na yεyera wͻ asaase mu a yε’bεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni
  11. Ka sε: “Soro abͻfoͻ agyenkwa a ͻhwε mo soͻ no beyi monkwa. Afei mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ”
  12. Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Ye’Wura afei deε y’ahunu na y’ate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkodi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) y’agye adi paa.”
  13. Sε Yε’pε a anka Yε’de onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Mehͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma
  14. Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mowerε frii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε’werε befri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”
  15. Wͻn a wͻ’gye Yε’nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε’nsεm no tu wͻn fo a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻ’bͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻ’nnyε ahomasoͻ
  16. (Nyankopͻn ho dͻ nti wͻ’sͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻ’sufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yε’de ama wͻn no nso wͻ’yi mu bi dema
  17. Ɔkra biara nnim anigyedeε a yεde asie ama wͻn; εyε dwumadi (pa) a na wͻn die no ho akatua
  18. Enti obi a ͻyε gyidieni ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻ’nnyε pε
  19. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no deε wͻ’benya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻ’dieε no nti
  20. Wͻn nso a wͻ’bͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻ’bεpεsε wͻ’fri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atͻrͻsεm no nhwε “
  21. Nokorε sε Yε’bεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu)
  22. Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe neho fri ho? Nokorε sε Yε’betua abͻneεfoͻ no so ka
  23. Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, enti εmma w’andwen nnyε wo ntanta wͻ Nenhyiamu no ho; na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma
  24. Yε’yεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻ’de Ya’hyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻ’nyaeε ho nti, na wͻ’gye Yε’nsεm no di
  25. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho
  26. Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn a wͻ’nenam wͻn atenaeε no, εnnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻ’nte anaa
  27. Anaasε wͻ’nhunuu sε Yεn na Yepia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yε’de ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wͻ’nhunu anaa
  28. Deε wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
  29. Kasε: Nkonimdie da no, wͻn a wͻ’annye annie no gyidie ho mma mfasoͻ mma wͻn, na yεmma wͻn εberε nso
  30. Enti twe wo ho fri wͻn ho na twεn, nokorε sε wͻn (nso) retwεn