16.The Bee

  1. Onyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mmpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no
  2. Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no siane ba Nenkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Momͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”
  3. Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻ’de bata Neho no
  4. Ɔbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee
  5. Ɛna W’abͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii fri wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam)
  6. Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anyumerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidi anͻpa
  7. Wͻ’soa moadesoa nso dekͻ nkuro so a, anka mobεbrε moho paa ansa na moaduru hͻ. Nokorε sε mo Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  8. (W’abͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnnim
  9. Onyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no)
  10. Ɔno na Osiane nsuo fri soro a emu bi na monom, εna ebi nso na yεdema nnua a mo nyεmmoa die no nso (nyini)
  11. (Ɔsan nso) de ma mfudeε ne ngo nnua ne akyiresua nnua, ne bobe ne nnuaba ahodoͻ nyini ma mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻ’dwen
  12. Ɛna W’abrε anadwo ne adekyeε ase ama mo, εna awia ne bosome ne nsonomma nso brε wͻn ho ase wͻ N’ahyεdeε mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’dwen
  13. Deε W’adua ama mo wͻ asaase soͻ no nso gu ahodoͻ sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’kaekaeε
  14. Ɔno na W’abrε ͻpo ase sεdeε mobedi emu nam mono, na moayi emu agudeε a mode hyε. Na wohunu nsuom hyεn sε εnam mu, sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobeyi (Onyankopͻn) ayε
  15. Ɛna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (W’ayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobenya kwan kyerε
  16. Ɛna (W’ayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (W’ayε) nsoromma a wͻ’de hunu kwan
  17. Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae
  18. Sε mokan Nyankopͻn adom a monnhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  19. Onyankopͻn Nim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa)
  20. Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no ntumi mmͻ hwee, na wͻn ara nso yεbͻͻ wͻn
  21. (Wͻ’yε) awufoͻ, wͻ’nnte ase, na wͻ’nnim εberε korͻ a yebenyane wͻn (afri awufuͻ mu)
  22. Mo Nyankopͻn no yε Awurade baako. Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no, wͻn akoma kyiri (sε wͻ’bεte sε Nyankopͻn yε baako), na wͻ’yε ahomasoͻ
  23. Akyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no asεm
  24. Sε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane (ama Nkͻmhyεni) a?” Deε wͻ’ka nesε: “Tetefoͻ no anansesεm “
  25. Wͻ’bεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻ’yeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no
  26. Ampa sε, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn fri wͻn dan no fapem no ase dwiri gui maa εdan no mmͻsoͻ no fri soro beguu wͻn so; asotwee no fri faako a wͻ’nnim baa wͻn so
  27. Afei Wusͻreε da no, Obegu wͻn anim ase na W’aka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi
  28. “Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻ’ayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻ’bԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yenni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no beyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“
  29. Enti monwura Amanehunu gya no pono no mu nkͻtena hͻ. Ԑhͻ yε asetena bͻne paa dema ahomasoͻfoͻ no
  30. (Sε) y’ԑka kyerε wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane a“, deε wͻ’ka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻ’yεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻ’benya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no
  31. Ɔsoro aheman a etim hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no mu na wͻ’bεkͻ, wͻ’nsa bεka deε wͻ’pε biara wͻ hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua Nyamesurofoͻ no ka
  32. Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻ’ka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwiε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “
  33. Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε W’anni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim
  34. Enti wͻn bͻne a wͻ’yͻeε no ho asotwee too wͻn, maa deε na wͻ’di ho fεw no nso twaa wͻn ho hyiae
  35. Deε wͻn a wͻ’de biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε y’agya nom ansom biribi anka Neho, na anka yammra biribi ka Nedeε no ho. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa
  36. Ampa sε, Yε’somaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe moho mfri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻhͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻhͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’annye annie no awieε si wieε
  37. (Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a W’ayera no, na wͻ’nnya aboafoͻ nso
  38. Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Onyankopͻn nnyane obia wawuo (biara). Aane, (awufoͻ nyane no deε) εyε nokorε bͻhyε a εda Nesoͻ, nanso nnipa pii nnim
  39. Sεdeε Ɔbεkyerεkyerε deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no mu akyerε wͻn, na wͻn a wͻ’nnye nnie no behunu sε nokorε, na wͻ’yε atorofoͻ
  40. Nokorε sε, sε Yε’pε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε’ “ Na ayε
  41. Wͻn a wͻ’atu amantuo wͻ Onyankopͻn ho nti wͻ akyire yi a (boniayεfoͻ no) ayε wͻn bͻne no, Yε’bεma wͻn asetena pa wͻ wiase ha, na mmom Daakye akatua no na εsoo paa, sε anka wͻ’nim a
  42. (Wͻ’ne) wͻn a wͻ’sii aboterε na wͻ’de wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no
  43. (Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yε’somaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻ’yε nnipa na Yeyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a momisa wͻn a wͻ’kaekae (amanfoͻ no)
  44. Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yε’de somaa asomafoͻ no), εna Y’asiane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yasiane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻ’benya adwen
  45. Enti wͻn a wͻ’dwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻn nnim deε efire nnto wͻn anaa
  46. Anaasε (wͻ’nnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻ’redi akͻneaba (wͻ wͻn nnyuma mu) a wͻ’nntumi nnsi ho kwan
  47. Anaasε Ɔbetumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  48. Anaasε wͻ’nhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε nesunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε neho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu
  49. Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻ’berε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻ’nnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho)
  50. Wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻ’yε
  51. Onyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moanfa anyame mmienu, efrisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Menko ara na monsuro Me.”
  52. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Nedea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Nedea aberε biara. Enti mofri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa
  53. Adom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no
  54. Afei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Momu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho
  55. Nam so ma wͻ’yi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε. Enti modeε monye moani, na εnkyε biara mobehunu
  56. Wͻ’de deε Yε’de abᴐ wᴐn akᴐnhoma no mu kyεfa bi ma wͻn (abosom) a wͻ’nnim (wᴐn). ”Medͻ Nyame sε, sε εteε biara yεbebisa mo fa atorͻsεm a motwa no ho asεm
  57. Wͻ’de mma mmaa susu Nyankopͻn. Kronkron Hene ne no. Deε wͻn akoma pε no na εwͻ wͻn
  58. Sε yεde ͻbaa (awoͻ) ho amaneε bεbͻ wͻn mu bi a, na wamuna n’anim, na ͻhaw ne awerεhoͻ ahyε no mma
  59. Ɔde neho sie fri nnipa no mu, εnam (ͻbaa a w’awoͻ no) ho amaneε a yεde bεbͻͻ no no ho nti. Ɔmfa aniwuo nye (neba baa no) anaa, anaasε ͻnkosie no (animono) wͻ nεteε mu? Ampa sε atemmu bɔne paa na wɔ’rebuo no
  60. Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no wͻ mfatoho bͻne, na Nyankopͻn na ͻwͻ mfatoho anaasε abodin a εkorͻn. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Onyansafoͻ no
  61. Sε anka Nyankopͻn de adasamma bͻne retwe wͻn aso a, anka Onnyae abͻdeε baako mpo wͻ asaase so, na mmom Ɔbͻ wͻn to hͻ dema εberε a yahyε no. Sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere koraa na εnkͻ anim nso
  62. Deε wͻn ara wͻ’mpε no na wͻ’de ma Nyankopͻn, wͻ’de wͻn kεterεma ka atorͻsεm sε: “Nneεma papa no yε wͻn dea“. Akyinnyeε biara nni ho sε, Ogya no bεyε wͻn dea, na yεbεgya wͻn wͻ mu korakorakora
  63. “Medͻ Nyame sε, ampa Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman aman a wͻ’dii w’anim kan no so. Nanso ͻbonsam maa wͻn dwumadie yεε wͻn aniso fε. Enti ͻne wͻn kyitaafoͻ nnε (da yi). Wͻn wͻ asotwee a εyε ya papaapa (Daakye) “
  64. (Nkͻmhyεni), Deԑ nti Ye’sianee Nwoma no maa woᴐ nesε wode bεkyerεkyerε deε wͻ’nnya wͻn ho nteaseε wͻ ho no mu akyerε wͻn, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ ma amanfoͻ a wͻ’gye die no
  65. Onyankopͻn siane nsuo fri soro de benyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’tie (Onyankopͻn asεm no)
  66. Nokorε, nyεmmoa no nso adesua wͻ mu ma mo. Monom deε εwͻ wͻn yafunu mu a efri wͻn tiafi ne wͻn mogyaa ntεm a εyε nufusuo a εyε dε dema wͻn a wͻ’nom no
  67. Ɛna akyiresua ne bobe aba no nso monya nsa ne akͻnhoma papa fri mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma nnipa a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻ’dwen
  68. Wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε wowa sε: “Fa mmepͻ ne nnua mu ne deε (nnipa) asisie yε w’atenaeε
  69. Na afei di nnuaba biara bi, na fa ahobraseε nante wo Wura Nyankopͻn kwan no so. Anomdeε a ani gu ahodoͻ sononko-sononko fri neyεm a εma nnipa ayaresa wͻ mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’dwen
  70. Onyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na momu bi wͻhͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ
  71. Onyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻ’yε wͻn dea no mma wͻ’nnyε pε da. Enti wͻ’bεpo Nyankopͻn adom no
  72. Onyankopͻn ama mo ahokafoͻ (ͻyerε) a ofiri mo ara mo mu (anaasε wͻ’tesε mo ara), εna W’abͻ mma ne nananom afri moyerenom mu ama mo, εna Ɔde nneεma pa bͻ mo akͻnhoma. Enti nkontomposεm deԑ wͻ’gye di, na Onyankopͻn adom no deԑ wͻ’po
  73. Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a entumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻ’nni tumi nso
  74. Enti monhwε na moanfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efrisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Onim, na modeε monnim
  75. Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a onni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna oyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim
  76. Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a onni hwee so tumi na w’ayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻnfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻ’yε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”
  77. Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε w’abͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi
  78. Onyankopͻn na Oyii mo fri mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mo beyi (no) ayε
  79. Enti wͻ’nnhunuu nnomaa a wͻ’’tu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nnihͻ a okuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema nnipa a wͻ’gye die no
  80. Onyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna W’ayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna W’ama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesie deε, ne anigye deԑ de kͻpem berε bi
  81. Onyankopͻn ayε nneεma a W’abͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enyunu (ama mo), εna W’ayε mmepͻ no nso bi soεberε ama mo, εna W’ayε ntaadeε a εbͻ moho ban fri ͻhyew ho, εna W’ayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie moso sεdeε mobεbrε moho ase (ayε Islam)
  82. Sε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu
  83. Wͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻ’po; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ
  84. Ɛda no a Yε’beyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻ’anye annie no kwan (sε wͻ’bεpa kyεw) anaasε wͻ’bεsrε bͻnefakyε
  85. Sε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεnngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso
  86. Sε wͻn a wͻ’de biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻ’de wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yefri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻ’nso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”
  87. Saa Da no, wͻ’de ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻ’twaeε no nyinaa betu ayera wͻn
  88. Wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yε’de asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻ’die no ho nti
  89. Ɛda a Yε’beyi ͻdanseni afri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yε’de wo nso bεba ama w’abedi woi nom ho adanseε. Y’asiane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo
  90. Nokorε sε, deε Nyankopͻn rehyε mo sε monyε ne: Nokorε die, ne ayεmyε, ԑna afei (mobεboa) abusua; afei Ɔrebra mo ahohwisεm ne amumuyε; (Nyankopͻn) retu mofo sεdeε mobεfa adwen
  91. Na moni Onyankopͻn apam no so, wͻ εberε a moayε apam no, na monhwε na moamu nsedie no so wͻ aberε a moama no adi mmu; na ampa sε mode Nyankopͻn ayε mo Kyitaafoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn Nim dwuma a modie nyinaa
  92. Monhwε na moankͻyε tesε ͻbaa no a ofiraa n’asaawa na akyire yi a εyεε den no ͻtetee mu asinasin no. Mobεfa montԑm nsedie de adaadaa moho sε, nnipa kuo bi dͻͻso kyεn nnipa kuo foforͻ bi nti. (Woi ne deε) Nyankopͻn deyε mo nsͻhwε. Wusͻreε da no Ɔbεkyerεkyerε deε na monte moho ase wͻ ho no mu akyerε mo
  93. Sε Nyankopᴐn pε a, anka Ɔyεε mo ͻman baako, na mmom ͻyera obia Ɔpε, εna Ɔkyerε obia Ɔpε no nso kwan. Ampa sε yεbebisa mo dwuma a modiiε no ho asεm
  94. Monhwε na moanfa monsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatri (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea
  95. Monhwε na εnam sika kakra bi ho nti moantͻn Nyankopͻn apam (no anni). Nokorε sε deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εyε ma mo
  96. Deε εwͻ monkyεn no betwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻ’sii aboterε no dwumadi pa a wͻ’diε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa
  97. Obi a ͻbedi dwuma pa bi no, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, Yε’bεma no atena asetena pa mu, na ampa nso sε Yε’bεma wͻn dwuma a wͻ’diiε no so akatua pa paa
  98. Enti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yabͻ no dua ato no atwene no ho
  99. Nokorε sε onni tumi wͻ wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’de wͻn ho ato wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no so
  100. Na mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻ’de wͻn ho ama no, na wͻ’fa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no
  101. Sε Yε’sesa asεm bi de asεm (foforᴐ) bԑhyԑ anaamu a, Nyankopͻn Nim deε W’asiane aba no. Deε wͻ’ka nesε: ”Wo ara na w’abͻ wotri mu”. Ԑnte saa, wͻn mu dodoͻ no ara nnnim
  102. (Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na esiane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻ’agye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no
  103. Ampa sε Ye’nim sε wͻ’keka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obia wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nnte Arab kasa), (Qur’aan) woi nso yε Arab kasa pefee
  104. Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan, na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa
  105. Wͻn a wͻ’fa Nyankopͻn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo no, saa nkorͻfoͻ no ne atorofoͻ no
  106. Obia ne gyedie akyi wa’po Nyankopͻn; - εnyε obia yahyε no so (sε ͻmpo Nyame), na gyidie ho abotͻyεmu wͻ n’akoma mu- na mmom obi a wabue n’akoma mu ama boniayε no, Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn so, na wͻn wͻ asotwee kεse (retwεn wͻn)
  107. Ɛne sε, wͻ’pε wiase kyεn Daakye no. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnkyerε boniayεfoͻ no kwan
  108. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atua wͻn akoma ne wͻn aso ne wͻn ani no, na wͻn na wͻn werε afiri (wͻn ho no)
  109. Akyinnyeε biara nni ho sε, Daakye no wͻ’ne berεguofoͻ no
  110. Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻ’tuu amantuo na afei wͻ’bͻͻ mmͻden na wͻ’nyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  111. Ɛda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere neti no, yεde ͻkra biara dwuma a odieε ho akatua pεpεεpε bεma no a yenni wͻn amim
  112. Onyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻhͻ a asomdweε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mea mea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻ’poo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻ’kaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻ’yͻeε no ho nti“
  113. Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso w’annye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻ’yε abͻneεfoͻ
  114. Enti moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a
  115. Deε W’abra mo ne abͻfo (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε ya’bͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ. Hene
  116. Monhwε na moanfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Woi deε “Halaal’ εkwan wͻ ho, na woi deε ‘Haraam’ ya’bra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motrim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim
  117. (Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa
  118. Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no nso, Yε’braa wͻn deε Y’adikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Y’anni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim
  119. Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻ’yε bͻne na wͻ’nnim na akyire yi wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’di dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
  120. Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua nesoͻ; ͻbrεε neho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho
  121. (Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ
  122. Yε’maa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho
  123. (Nkͻmhyεni), afei Y’ayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho
  124. Sabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻ’gye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bebu wɔn ntεm atεn wͻ deε wͻ’gye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da
  125. Fa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Onim obia wayera afri Nekwan no soͻ, εna Onim wͻn nso a wͻ’anya tenenee no
  126. Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻ’de ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻ’hyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no
  127. Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no befri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nnho wͻ wͻn ho, na εnnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻ’refa no ho
  128. Nokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻ’suro Nyame, ne wͻn a wͻ’yε ayεmyε no ho